Psalms 15

Nea Onyankopɔn hwehwɛ

1 Awurade, hena na ɔbɛkɔ wʼasɔrefi?
Hena na ɔbɛsom wɔ Sion, wo bepɔw kronkron no so?
2Onipa a otie Onyankopɔn wɔ biribiara mu no, na daa ɔyɛ ade trenee, na ne nsɛm yɛ nokware,
3na ommu afoforo abomfiaa.
Ɔnyɛ nʼafɛfo bɔne na onni wɔn ho nseku.
4Obu wɔn a Onyankopɔn apa wɔn no animtiaa, na odi wɔn a wotie Awurade no ni.
Ɔkwan biara so, odi ne bɔhyɛ so.
5Ɔma bosea a, onnye mfantom na wontumi nhyɛ nʼafonom sɛ onni adansekurum.
Nea ɔyɛ eyinom no tim hɔ daa.
Copyright information for TwiNAK